ƆBRA SAFOA #3
Ɛwom sɛ mpanimfoɔ se kwantia yɛ mmusuo, nanso ɔbadwemma mforo atwedeɛ nkɔfa deɛ ɛda fam.-
ƆBRA SAFOA #4
Nya onipa ho adwene pa,
Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ deɛ obi pɛ ne nimo,
Enti sɛ wohunu sɛ me ho da so mpo a,
Susu ka na biribi nti na aba no saa.
Ɛnyɛ sɛ meyɛ onipahunu bi o,
Mmom, ɔbra na ayɛ me papahweakwaa,
Ɛnyɛ sɛ mekyerɛ me ho ne abubuo bebrebe yi,
Ebia anka wobisaa mu a, anka wobɛte me aseɛ dodo.
Sɛ anka woreyɛ aso ama asorɔmɔdwe a,
Anka ebia wobɛhunu sɛ ɔmpɛ nsa,
Nanso, faako a ɔkɔfiriiɛ nti na aba no saa.
Enti mesrɛ wo, nya me ho adwene pa,
Na menyɛ onipahunu sɛdeɛ wosusu no.-
Ɔdɔ, mfitiaseɛ yi deɛ, ma yɛnni asa,
Na sɛ ɛgye nsam a, yɛahwehwɛ mpa,
Enti sɔ me nsa, na twe bɛn me kakra.
Mesrɛ wo, yɛ no nkakrankakra na wampira,
Ɛfiri sɛ agorɔ no reba wo fie a, yɛmpere ho nkɔte nkokoniwa.
Afei deɛ, fifire afiri aseɛ resɔne ɔbarima,
Metumi hunu sɛ ɔdɔ ammɔtoam afɔ kakra,
Ɔkatakyie asɔre agyina ntentene wɔ aseɛ hɔ,
Ɔbaa nso ho ayɛ no hyew ama ɛkyɛ mu afɔ
Merefe no sɛ ankaawoɔ, ɛfiri sɛ ɔdɔ ano na adeɛ wɔ.
Yɛatete agu kɛtɛ so, adeɛ yi deɛ abɛ bɛtɔ biara yɛ mpɔeɛm,
Ɔhyɛ aseɛ na metɛ soro, sɛdeɛ dɛnkyɛm apue su kɛseɛm,
Yɛrekɔ no nyaa, sɛ akyekyedeɛ nanteɛ wɔ kwaeɛm.
Ɔdɔ asubɔnten, yɛredi no anisoɔ de akɔpue daeɛm.
-Aboagye Joseph
-
Sɛ ɔbarima taa de ne nsa hyehyɛ ne nika mu pii a, na ɔne ɛtwo reto nkyea.
-
Ɛtɔ da a, ɛnyɛ mfomsoɔ sɛ wobɛma afoforɔ ahunu deɛ nti a woyɛɛ biribi anaa wosii gyinaeɛ bi, nanso sɛ wodi deɛ nnipa bɛdwene afa wo ho no akyi pii a, wobɛyɛ akoa ama wɔn da biara. Yei nti, sɛ anka wobɛkyerɛkerɛ nsɛm mu daa no, sua sɛ woremfa w'abrabɔ mpɛ nnipa anim nyam.
-
Sɛ meka a, menim sɛ onipa nte aseɛ,
Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ deɛ obi ntee bi da ne akyea na ɛmmuiɛ,
Nanso, mapanin se, ''Obirekuo ne akokɔ kra nsɛ.''
Menim sɛ me ne ohia dii akapimahwɛ akyɛ,
Nanso ɛnnɛ, mayi ntomago, afura ntomapa, ahyɛ ahenkyɛ!
Enti amansan mmɛhwɛ me, ɛfiri sɛ atadwe ate dɛ nnɛ.-
YƐ W'ADEƐ NYANSAM WƆ KORONA VAERƆS BERƐ YI MU
Sɛ yɛde nyarewa ne atoyerɛnkyɛm to nkyɛn a, nneɛma ahodoɔ a ɛtumi kum onipa no bi ne ɛhu ne adwennwen bebrebe. Yei nti, seesei a wiase nyinaa adane abutu yi, ɛbɛyɛ papa sɛ womfa w'adwene nsi sɛdeɛ nkurɔfoɔ reka fa yarewa no ho nsɛm no so pii. Deɛ nti a ɛsɛ sɛ woyɛ saa ne sɛ, deɛ nkurɔfoɔ ka ara ne sɛ, yadeɛ no yɛ hu na ɛkye onipa ntɛmntɛm so! Sɛ wokɔ so ara de w'adwene di nsɛm yinom akyi a, ɛbɛtumi ama woanya akomayareɛ anaa mpo ama woaboto pa ara. Sɛ ɛkɔba saa nso a, ɛbɛma w'abam abu na w'ahoɔden so ate sɛdeɛ Mmebusɛm 24:10 kyerɛ no. Mmom, deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wobɛdi akwankyerɛ a aban no ne asoɛeɛ a ɛhwɛ apɔmuden soɔ no de aba no nyinaa so, na wode nyansa ahwɛ wo ho so yie. Yei nyinaa mu no, fa mpaebɔ yɛ aduane, ɛfiri sɛ, sɛ Onyankopɔn ansi dan no a, adansifoɔ no brɛ kwa.
Asomdwoeɛ nka mo nyinaa.
-Aboagye Joseph-
Sɛ wopɛ sɛ wokɔ w'anim wɔ abrabɔ mu a, kɔ wo nkotodwe anim wɔ mpaebɔ mu, na srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma wo wo yɔnko ho adwene pa.
-
Me deɛ, na ɛyɛ me sɛ ɔdɔ mapa bi nni hɔ
Na ɛyɛ me sɛ mmaa nyinaa yɛ pɛ
Na m'adwene ne sɛ yɛbɛsi me so a, anka yɛhyɛɛ me ma
Nanso, sɛɛ na ewiem nyɛ Amponiammoa sakrana
Woama mahunu sɛ, wokɔ dwa mmienu a na wohunu deɛ ɛba ampa
Wodɔ a ɛyɛ dɛ kyɛn ɛwoɔ no asɔ agu m'ano ama megye me ho a ɛnnye
Mede me ti to wo so a, na m'akoma redi ahurusie sɛdeɛ ɔkraman ahunu ne wura
Mebɔ wo din a, mete nka sɛ adedɛɛdɛ bi asiane m'akomam ankasa
Sɛ wosere hwɛ me mpo deɛ a, na ɛyɛ me sɛ gyama wodɔ rebɔ me dam
Ɛyɛ nokorɛ sɛ, sɛ donno bɛyɛ dɛ a na ɛfiri ammɔtoam
Afei na mate aseɛ sɛ, sɛ ɔbarima ani bɛgye a, na ɛfiri ɔyere pa.-